Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 17:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Me de, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mebɔ mpae ma wɔn. Memmɔ mpae mma wɔn a wonnye wʼasɛm nni, na mmom nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpae ma wɔn, efisɛ wɔyɛ wo de.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Me de, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 17:9
17 Referencias Cruzadas  

Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


Na Yesu kae sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wonnim nea wɔreyɛ! Na wɔtweee ntonto de kyɛɛ ne ntama mu.


Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no huu nea asi no, woguanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraase.


Na me de, mebisa agya no, na wama mo Okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtena daa:


sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti,


Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.


Wɔn a Agya no de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da,


Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manya no ɛda a edi akyiri no.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Na Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.


Yenim sɛ, yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefo no tumi ase.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios