Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 17:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na wobɔ wiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ ewiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!

Ver Capítulo Copiar




Yohane 17:5
20 Referencias Cruzadas  

Ɔno na woyii no siei ansa na wɔhyɛɛ wiase ase, na wɔayi no akyerɛ, bere a edi akyiri yi mu ama mo


Me ne agya no yɛ baako.


Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,


Na: Awurade, mfiase no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.


Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro,


Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dedaadaw yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu Agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn Agya no?


Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni!


Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahu, na yedi ho adanse, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na eyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,


Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam,


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios