Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 17:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn misiee wo din mu; wɔn a wode wɔn ama me no, mawɛn wɔn, na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no, na kyerɛwsɛm no aba mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara anyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛberɛ a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm no bɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn misiee wo din mu; wɔn a wode wɔn ama me no, mawɛn wɔn, na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no, na kyerɛwsɛm no aba mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 17:12
17 Referencias Cruzadas  

M’adamfo pa po a mede me ho metoo no so a odii m’aduan bi no, wama ne nantin so atia me.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.


Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.


Sɛ asɛm a ɔkae sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu.


Wɔn a Agya no de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da,


sɛ ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ankasa tenabea no kyɛfa no nsom!


Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so,


Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no


Na bio: Mede me ho bɛto no so. Na bio nso: Hwɛ me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni.


Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti; na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios