Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 17:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na ade nyinaa yɛ wo dea, na wo de nso yɛ me dea; na manya anuonyam wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na m’adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na m’adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ade nyinaa yɛ wo dea, na wo de nso yɛ me dea; na manya anuonyam wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 17:10
16 Referencias Cruzadas  

Me ne agya no yɛ baako.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


bere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu. Na wɔnhwɛ n’anwonwade wɔ wɔn a wɔagye adi nyinaa mu, efisɛ wɔagye yɛn adanse a yedii mo no adi, ɛda no ara mu.


efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu,


na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ no mu, sɛnea yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no te.


mewɔ anidaso na mehwɛ kwan dennennen sɛ, m’anim rengu ase biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛse nti, sɛnea ɛte daa no, seisei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.


Na Yudafo ne Helafo a wɔte Efeso nyinaa tee no, ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.


Na Yesu tee no, ɔkae sɛ: Ɔyare yi nyɛ owuyare, na Onyankopɔn anuonyam ntia, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn ba no anuonyam.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios