Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 16:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Aka kakraa na munhu me; na bio aka kakraa mubehu me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Aka kakraa na munhu me; na bio aka kakraa mubehu me.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 16:16
19 Referencias Cruzadas  

Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ.


na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti,


Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso.


ne trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na munhu me bio;


Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam.


Mifii Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ?


Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka eyinom wiase, na wɔanya m’anigye ma awie pɛyɛ wɔ wɔn mu.


Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.


Wɔn nso na n’amanehunu akyi no, ɔnam adanse bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefo adaduanan mu ma wohuu no, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm.


nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios