Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 16:11 - KYERƐW KRONKRON

11 ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wiase sodifo no atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 ne atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 ne atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Saa ara na deɛ wɔka fa atemmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔabu ewiase yi ɔtemmufoɔ no atɛn dada.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wiase sodifo no atɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 16:11
34 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛde, mansotwefo mu mpo, na AWURADE Onyankopɔn atena hɔ.


Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo.


Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.


Na osee wɔn sɛ: Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam.


Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.


Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.


Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren.


na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔno ne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no.


Na ɔreka trenee ne anidahɔ ne atemmu a ɛrebɛba no ho asɛm no, Felike suroe, na obuae sɛ: Mprempren de, kɔ, na minya adagyew a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.


na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.


na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn sɛnea m’asɛmpa te no.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.


na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.


na watu mpanyinni ne tumidi agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ baguam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no,


ne asubɔ horow ho nkyerɛnkyerɛ ne nsaguso ne awufo sɔre ne daa atemmu anto fapem bio.


Na sɛnea ɛda hɔ ma nnipa sɛ wobewu prɛko na ɛno akyi atemmu bɛba no,


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.


Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios