Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Eyi mu na wɔahyɛ m’Agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Eyi mu na wɔahyɛ m’Agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:8
19 Referencias Cruzadas  

Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


na momforo bepɔw nkɔfa nnua mmra mfa mmesi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’anuonyam makyerɛ, Awurade na ose.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.


Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo no;


Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.


Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.


Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.


Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.


Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa;


Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!


Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam mo nipadua mu.


na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.


wɔnnwia nneɛma nketenkete, na mmom wonyi nokware pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, ade nyinaa mu.


na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios