Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua mman a wɔatwa atow akyene a so nni mfaso; ɛwo a wɔboaboa ano de gu ogya mu hyew.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:6
20 Referencias Cruzadas  

Na onipa a ɔka wɔn no de dade ne peaw dua mia, na wɔde gya bɛhyew wɔn dwerɛbee.


ɔremfa ne ho mfi sum mu, ogyaframa bɛma ne nnubaa agunguan, na mframa bɛpra ne hyerɛn akɔ;


na bɛwaw nea wo nifa tɛwee no, ne ɔba a woafa no ayɛ wo de no pintinn.


na wo de, wɔatow wo afi wo damoa mu akyene sɛ dubaa a wɔapo no; sɛ atɔfo a afoa ahwirew wɔn mu na wɔasian akɔ abo amoa mu no adurade, sɛ funu a wɔatiatia so.


Na kurow a ɛyɛ den no ada ntuw ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagyaw no sɛ sare so; ɛhɔ na anantwi mma didi, na ɛhɔ na wobutubutuw awie n’abaa no we.


Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛbɛyɛ yiye? So ɔrentutu ne ntini na n’aba, entwintwam? Ahaban a ɛfefɛwee no nyinaa betwintwam, na ɛnyɛ basa kɛse anaa dɔm bebree na ehia sɛ wɔde beso ne ntini mu atu no.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu,


Na ɔtow nnwetɛbona no guu asɔredan mu fii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛn ne mene.


Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.


Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.


Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree.


na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no pasaa.


Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fi, na wɔtoatoa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetena adan wɔn bɔne akyɛn kan de no.


Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.


Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios