Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:5
28 Referencias Cruzadas  

Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafo gye akra,


Me man bɔne no ne wɔn aduan, na wɔn amumɔyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.


nanso onni ntini wɔ no mu, na ɔtena hɔ kyɛ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no hintidua.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


Sɛ oyi mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.


Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.


saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmiako mmiako.


Na afei woayi mo ho afi bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahotew mu na n’awiei ne daa nkwa.


Ne saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforo a ɔne nea wɔanyan no afi awufo mu no de, na yɛasow aba ama Onyankopɔn.


Nhyira kuruwa a yehyira so no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkofa anaa? Abodoo a yebubu no nyɛ Kristo nipadua no ayɔnkofa anaa?


Na sɛnea nipadua yɛ biako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua biako no, saa ara na Kristo nso te.


Na mo nso moyɛ Kristo nipadua ne akwaa mmiako mmiako.


Na yentumi nyɛ hwee ntia nokware no, na mmom nea yetumi yɛ no, yɛyɛ ma nokware.


Na nea ɔde aba ma ogufo na ɔma abodoo sɛ aduan no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba no ase adɔre.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,


efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu,


na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.


mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.


Ɛnyɛ sɛ mehwehwɛ akyɛde, na mmom mehwehwɛ aba a ɛma mo akontaa dɔɔso.


na moanantew sɛnea ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu,


Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no,


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔbo a nkwa wom a nnipa apa no na Onyankopɔn de, wafa no na ne bo yɛ den a,


Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios