Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛnyɛ mo na mpaw me; me na mepaw mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monsow aba; aba a ɛbɛtena hɔ daa, Na biribiara a mode me din bebisa no, Agya no de bɛma mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:16
57 Referencias Cruzadas  

Efisɛ ampa ara, Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na ɛwɔ tumi, na ne mu na wobehyira wiase aman nyinaa.


Awo ntoatoaso kamfo wo nnwuma kyerɛ awo ntoatoaso foforo, na wɔka wo mmaninne.


Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafo gye akra,


Nna a ɛbɛba no mu Yakob begye ntini, na Israel afefɛw agu nhwiren, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.


Na Yakob nkae no a amanaman bebree atwa ho ahyia no bɛyɛ sɛ obosu a efi AWURADE nkyɛn, sɛ nsu a ɛpete nhabamma so ɛnhwɛ nkurɔfo bi kwan na ɛntwɛn adasamma nso.


Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.


Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.


Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na oyii wɔn mu dumien a ɔfrɛɛ wɔn asomafo;


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.


Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mayi mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.


Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!


Na wɔbɔɔ mpae sɛ: Wo, Awurade a wunim nnipa nyinaa komam, kyerɛ baanu yi mu biako a woayi no


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee;


Na ɔkae sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hu ne pɛ a ɔpɛ, na hu ɔtreneeni no, na te nankasa nne.


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.


Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede besie mo sɛ mabɔ me tirim mpɛn pii sɛ mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasiw me kwan abesi sesɛɛ), na manya mo nso mu aba bi, sɛ amanaman a aka no.


a yɛnam no so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidi, ne din nti;


Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.


So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako ma no yɛ fɛ na ɔnwene foforo nso a ɛnyɛ fɛ?


Na eyinom nyinaa sii na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔakyerɛw no sɛ afotu ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi.


Na ɛsɔɔ nea oyii me fii me na yam, na ɔnam n'adom so afrɛ me no ani


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no.


Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no,


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne somafo (meka nokware, minni atoro), amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.


Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


Eyi nti na mede wo migyaw Krete, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no:


Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.


Na wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.


Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase,


sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.


Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.


Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios