Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mʼahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:12
16 Referencias Cruzadas  

Medɔ mo, Awurade na ose. Na moka se: Wode dɛn na adɔ yɛn? So Esau nyɛ Yakob ne nua? Awurade asɛm ni; nanso medɔɔ Yakob,


Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!


Eyi na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho.


Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


Na mo de, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no,


Na onuadɔ ho de, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛnea ɛfata mo nti, efisɛ mo gyidi nyin boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmiako mmiako no mu adɔ.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.


Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no.


Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.


Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ merebɛkyerɛw wo ahyɛde foforo, na mmom nea yenyae fi mfiase no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios