Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 15:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ mudi mʼahyɛde so a mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi mʼAgya ahyɛde so na ɛno nti ɔda so dɔ me no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ modi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi mʼAgya ahyɛdeɛ so na ɛno enti ɔda so dɔ me no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 15:10
28 Referencias Cruzadas  

Na mehwɛɛ AWURADE akwan, na menyɛɛ bɔne mimfii me Nyankopɔn ho ɛ.


Na ɔbataa AWURADE ho, wansan amfi n’akyi, na odii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.


Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no ara.


AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mantew atua mansan m’akyi.


Obi nnye me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ; mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m’Agya nkyɛn.


efisɛ me de, ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.


Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so!


Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!


Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.


Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.


Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so.


Twetia nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom Onyankopɔn ahyɛde sodi na ehia.


Nea edi akyiri no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.


Na, sɛ yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim no.


Na obiara a odi n’asɛm so no, ampa ara, ɔno mu na Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Eyi na yɛde hu sɛ yɛwɔ ne mu.


Nea ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee.


Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios