Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 14:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Tenabea bebree wɔ mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 14:2
25 Referencias Cruzadas  

Na akoa no se: Owura, wɔayɛ sɛnea wohyɛe no, nanso afa da so wɔ hɔ.


Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso.


Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekɔ? Yesu buaa no sɛ: Faako a merekɔ no, wuntumi nni m’akyi mprempren; na akyiri no na wubedi m’akyi.


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ m’Agya no yɛ kɛse sen me.


Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ.


Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu.


Na yenim sɛ, sɛ wonya buruw yɛn asase so ntamadan yi a, yebenya ofi a efi Nyankopɔn, ɔdan a wɔamfa nsa ansi a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.


Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye.


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


Na ɔtwɛn kurow a ɛwɔ fapem a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.


Na yenni kurow a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛrehwehwɛ.


nea odikanfo bi hyɛn hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panyin.


Emu na Honhom Kronkron kyerɛ eyi fann sɛ, ɛbere a wonnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛe no, na ntamadan a edi kan no da so si hɔ.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu,


Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Nea odi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi adi bio, na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din wɔ no so, ne me Nyankopɔn kurow a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforo no.


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios