Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 14:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ merekɔ mʼAgya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 14:12
28 Referencias Cruzadas  

Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.


Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ.


Na nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wobegye adi no akyi: Me din mu, wobetu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforo,


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ m’Agya no yɛ kɛse sen me.


Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.


Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware sɛ: Obi gu, na obi twa.


Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse a ɛsen eyinom, na ayɛ mo nwonwa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.


Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.


efisɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkrɛma foforo rekasa, na woreyi Nyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buae sɛ:


Na ɔyɛɛ eyi nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Fi adi fi ne mu! Na dɔn no ara mu ofii adi.


na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu.


Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu.


Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.


sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahu sɛnkyerɛnne a wɔnam wɔn so ayɛ; ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yentumi nsan.


Na asomafo no de tumi kɛse dii Awurade Yesu wusɔre ho adanse, na adom kɛse wɔ wɔn nyinaa so.


Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye dii, na nnipa no dodow bɛyɛ sɛ mpemnum.


Na ɛma wɔde ayarefo fii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsuma atɔ wɔn mu bi so.


Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ osetie maa gyidi no.


Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛse teɛɛm fii adi, na mmubuafo ne mpakye pii ho sanee.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios