Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 14:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim ne meka, na Agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Filipo wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu ana? Yesu san ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfi mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim ne meka, na Agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 14:10
26 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


na sɛ meyɛ, na me de munnye me nni a, munnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ no mu.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


efisɛ me de, ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.


Me ne agya no yɛ baako.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ munya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.


efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu,


efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


Na baasa na edi adanse,


ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata atwe wiase afam ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no ahyɛ yɛn nsa.


Nea mahu Agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moate mo agya no nkyɛn.


Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,


Da no ara mubehu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.


Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.


na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ.


Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti munnye me nni!


Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a mote no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios