Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 14:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommma mo koma ntu. Munnye Onyankopɔn nni na munnye me nso nni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 14:1
37 Referencias Cruzadas  

Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn.


Ɛnna mise: Me dadwen a ɛda me so ne sɛ ɔsorosoroni no nifa asakra.


Nea n’adwene tim wo so na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu, efisɛ wo so na ɔde ne ho to.


O, sɛ minya m’awerɛhow mu awerɛkyekye ɛ! Me koma abotow me mu.


Ɛnna Yesu huu no sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no,


Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.


Na Yesu teɛɛm sɛ: Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no;


Afei mise mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi sɛ mene no.


Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.


Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ.


Na sɛ maka eyinom makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.


enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no.


Eyi nti me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa no,


mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios