Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 13:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraw no honhom mu, na odii adanse sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, mo mu biako beyi me ama.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu kaa eyinom nyinaa wiei no, ne ho yeraw no ma ɔpaee mu kae se, “Mereka nokware akyerɛ mo, mo mu baako beyi me ama!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraw no honhom mu, na odii adanse sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, mo mu biako beyi me ama.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 13:21
17 Referencias Cruzadas  

Na wɔredidi no, ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo mu biako rebeyi me ama.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama.


Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.


Ɛnna Yesu huu no sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no,


Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɔda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔbo hini ano.


Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.


Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,


Ɛnna asuafo no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wonhu onii ko a ɔde no.


Na Paulo retwɛn wɔn Atene na ohui sɛ kurow no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometew pa ara.


Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios