Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 13:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mofrɛ me ‘Kyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade’ a mudi me frɛ; efisɛ ɛno ne nea meyɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade’ a, modi me frɛ; ɛfiri sɛ, ɛno ne deɛ meyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 13:13
18 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ampa, woahu, na merekanyan me ho m’asɛm ho, na mayɛ.


sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


Na osee no sɛ: Woabua no yiye; yɛ eyi, na wubenya nkwa.


Na ɛdɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ nea mise?


Na Simon buae sɛ: Misusuw sɛ nea ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na osee no sɛ: Woabua no yiye.


Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo huamhuam sraa Awurade na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho no, na ne nua Lasaro yare no.


Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔrefrɛ wo.


Enti ne nuanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, nea wodɔ no no yare.


Enti merema moahu sɛ, obiara a ɔnam Onyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusude; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so.


yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.


Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateɛteɛ ase, efisɛ munim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ ɔsoro, na ɔno de nnipa animhwɛ bi nni ne fam.


Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.


Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,


Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios