Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:51 - KYERƐW KRONKRON

51 Na eyi de, emfi n’ankasa ne tirim na ɔkae, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin afe no ara mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

51 Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

51 Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

51 Na eyi de, emfi n’ankasa ne tirim na ɔkae, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin afe no ara mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no,

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:51
23 Referencias Cruzadas  

Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmu adɛbo no mu, na sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfo no atemmu ne koma so, AWURADE anim daa.


Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn.


Ɛnna AWURADE buee afurum no ano, na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ: Dɛn na mayɛ wo na woabɔ me mpɛn abiɛsa yi?


Na Bileam maa n'ani so, na ohuu Israel sɛ wogu hɔ mmusua mmusua; na Onyankopɔn honhom baa no so,


sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no.


Na wɔn mu biako bi, Kaiafa a odi sɔfo panyin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo de, munnim hwee,


na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kan; na Kaiafa a odi afe no mu sɔfo panyin ase ne no.


Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so,


Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare.


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.


Na Dawid huu sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no bra.


Na Saul kobisaa AWURADE, nanso ɔdae mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifo anom oo, AWURADE ammua no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios