Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:44 - KYERƐW KRONKRON

44 Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:44
20 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kae sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.


na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ.


Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? Mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ? Ahonu ahintaw afi m’ani so.


Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.


Na ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a wode maa me no mede mehyɛɛ dukuu mu


Na owufo no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne na.


Me ne agya no yɛ baako.


Yesu kae sɛ: Munyi ɔbo no! Nea wawu no nua Marta see no sɛ: Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnanan.


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!


Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛnea Yudafo amusie te no.


Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ egu hɔ de, nanso wankɔ mu.


ne dukuu a wɔde bɔɔ ne ti nanso engu nwera no ho, na mmom wɔabobɔw ɛno nkutoo da baabi.


Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na adu a awufo bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa.


a ɔbɛsakra yɛn ahobrɛase nipadua sɛnea n'ahoɔden adwuma a ɔde betumi abrɛ nneɛma nyinaa ase ahyɛ n'ase no te.


ne nea ɔte ase no. Na miwui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mikura owu ne asaman nsafe.


AWURADE na okum, na ɔma nkwa; ɔma wosian kɔ asaman na ɔma wɔforo fi adi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios