Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, “Lasaro, sɔre bra!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:43
12 Referencias Cruzadas  

Na wosuroe yiye, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi?


Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!


Afei aka nnansia na Twam no adu no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a onyan no fii awufo mu no wɔ hɔ.


Ɛnna Yudafo no mu nkurɔfokuw pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko nti, na sɛ wobehu Lasaro a onyan no fii awufo mu no nso ntia.


Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi?


Na Petro kae sɛ: Dwetɛ ne sika de minni bi, na nea mewɔ na mede merema wo yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nantew!


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios