Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:42 - KYERƐW KRONKRON

42 Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:42
27 Referencias Cruzadas  

Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafodɔm bɛboro dumien mmegyina me ho?


Na seisei po minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, ɔde bɛma wo.


Ɛnna Yudafo a wɔne no wɔ ofie hɔ regyam no no hui sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afi adi no, wodii n’akyi kae sɛ: Ɔrekɔ ɔda no so hɔ akosu.


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!


efisɛ ne nti na Yudafo pii kɔe kogyee Yesu dii.


Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔdamoa mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me;


efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.


Na sɛ mibu atɛn po a, m’atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no.


Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Nyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me.


Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,


na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,


Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios