Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:41
14 Referencias Cruzadas  

Wo na mema m’ani so mehwɛ wo, wo a wote soro no.


Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Yiw, agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ w’anim.


Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforo a watwa ɔbotan mu mu, na opirew ɔbo kakraka bi hinii ɔda no ano, na ofii hɔ kɔe.


Na Yosef tɔɔ nwera, na oyii Yesu de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbotan bi mu mu, na opiaa ɔbo de kataa ɔda no ano.


Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.


Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!


Na wohuu ɔbo no sɛ apirew afi ɔda no ano,


Na seisei po minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, ɔde bɛma wo.


Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam,


Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano.


Nanso ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa,


Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios