Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 11:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔyarefo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ofi Betania, Maria ne ne nuabea Marta kurow mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔyarefo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ofi Betania, Maria ne ne nuabea Marta kurow mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 11:1
15 Referencias Cruzadas  

Na nsɛm yi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w'agya yare. Na ɔfaa ne mmammarima baanu, Manase ne Efraim, kaa ne ho.


Na ogyaw wɔn fii kurow no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ.


Na wɔbɛn Yerusalem, Betfage ne Betania wɔ Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu,


Ɔkaa eyinom, na ɛno akyi no, osee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.


Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ sɛ akwansin abien,


na Yudafo no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wobegyam wɔn, wɔn nua no nti.


Enti ne nuanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, nea wodɔ no no yare.


Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔdamoa mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse.


Ɛnna Yudafo no mu nkurɔfokuw pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko nti, na sɛ wobehu Lasaro a onyan no fii awufo mu no nso ntia.


Na ɛbae sɛ nna no mu no, ɔyaree, na owui; na woguaree no de no kɔtoo abansoro dan mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios