Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 10:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Obi nnye me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ; mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m’Agya nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Obi nnye me nsam, na me ara na mede meto hɔ; na mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛdeɛ yi na menyaa no m’Agya nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Obi nnye me nsam, na me ara na mede meto hɔ; na mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛdeɛ yi na menyaa no m’Agya nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Obi nnye me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ; mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m’Agya nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 10:18
23 Referencias Cruzadas  

Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no;


sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no.


Eyi nti na agya no dɔ me, efisɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio.


Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!


Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.


Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so.


Na sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu;


Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


Ɔno na Onyankopɔn anyan no, na wasan owuyaw hama, efisɛ antumi anka no anhyɛ.


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; na yɛn nyinaa yɛ ɛho adansefo.


Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na mmom, yehu Yesu, nea bere tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase sen abɔfo no, sɛnea ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owu ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seisei esiane owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios