Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 10:15 - KYERƐW KRONKRON

15 sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 10:15
25 Referencias Cruzadas  

Na ɛsɔɔ AWURADE ani sɛ ɔdwerɛw no bɔɔ no yare. Sɛ onya de ne kra to hɔ yɛ asodi afɔre a, obehu asefo, ne nna bɛware, na nea ɛsɔ AWURADE ani afa ne nsa so ayɛ yiye.


Wɔde atɛnkyew yii no kɔe; ne beresofo nso, hena na odwen ho na wohwim no fii ateasefo asase so, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?


Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no;


Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: Sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.


Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me;


Ɛnyɛ sɛ obi ahu Agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu Agya no.


Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.


Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so,


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare.


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios