Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:49 - KYERƐW KRONKRON

49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

49 Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

49 Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:49
31 Referencias Cruzadas  

AWURADE asɛm a osee me wura ni: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so.


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Awurade ayi w’atemmude no kɔ, watow w’atamfo agu; Awurade, Israel hene ne wo wɔ hɔ, na worensuro bɔne bi bio.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.


bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.


Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.


ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!


Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Na Yesu begyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu kae sɛ: Wo na woaka.


sɛ: Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma omfi asɛnnua no ho nsi fam, na yebegye no adi.


Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.


Afei ma Kristo no, Israel hene, mfi asɛnnua no so nsi fam, na yenhu na yennye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no.


Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.


sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ sorosoro noho.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.


Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?


Yesu bua see no sɛ: Esiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mihuu wo borɔdɔma no ase nti na ɛma wugye di yi? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.


Saa bere no mu na n’asuafo no see no sɛ: Rabi, didi!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios