Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:18
41 Referencias Cruzadas  

Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa?


Na AWURADE ne Abraham wiee ɔkasa no, ɔkɔe, na Abraham san baa ne fi.


Hwɛ wo ho yiye wɔ n'anim, na tie ne nne; nnwen nhyɛ no, na ɔremfa mo mmarato mfiri mo, efisɛ me din wɔ no mu.


Na wohuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ ade a wɔde hoa bo a emu tew ayɛ, na ne hanahana te sɛ ɔsoro pa ara.


na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfo panyin na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu,


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburow ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ beraw sɛ atɔfo, kurow no mmorɔn so, na wogyaagyaa mu wɔn nanom kokom.


ano ne ano na me ne no de kasa ohu mu, na ɛnyɛ mmebu mu, na ohu AWURADE suban: na ɛdɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa m'akoa Mose?


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n’anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae.


Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom;


Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dedaadaw yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu Agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn Agya no?


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.


Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse; nanso munnye yɛn adanse no.


Ɛnyɛ sɛ obi ahu Agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu Agya no.


wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.


Na AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; nsɛm no nne no, mo ara motee, na suban bi na moanhu anka nne no ho.


Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso ne abɔde nyinaa farebae,


Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen!


nea ɔno nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no, ɔno na nidi ne daa tumi wɔ no. Amen.


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentenso kura nkrante a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn afa na wowɔ anaa yɛn atamfo afa?


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.


Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?


Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios