Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:15 - KYERƐW KRONKRON

15 (Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 (Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ: Oyi ne deɛ mekaa sɛ: Deɛ ɔdi m’akyiri reba no, ɔkyɛne me, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 (Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ: Oyi ne deɛ mekaa sɛ: Deɛ ɔdi m’akyiri reba no, ɔkyɛne me, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yohane kaa ne ho asɛm sɛ, “Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 (Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:15
21 Referencias Cruzadas  

AWURADE bɔɔ me de fii n’adwuma ase, ne nnwuma a efi teteete no mu adikan,


Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na ɔpaem kae sɛ: Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekotow mesan ne mpaboa hama.


Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


Ɔno ne nea odi m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama mpo.


Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.


Na ɔno na ɔyɛ ade nyinaa kannifo, na nneɛma nyinaa atim wɔ no mu.


Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.


sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios