Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:14
60 Referencias Cruzadas  

Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo.


Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma, wɔde dom ahyɛ w’anom ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.


Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no, na anuonyam atena yɛn asase so.


Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ AWURADE ano na aka.


Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Na me tenabea besi wɔn so, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,


na Yakob woo Yosef a ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.


sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


na ɔwoo n’abakan barima, de ntama kyekyeree no, de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya ɔkwan ahɔhodan no mu.


Na nna faa Petro ne wɔn a wɔka ne ho no; na wonyanee no, wohuu n’anuonyam no ne mmarima baanu no sɛ wɔne no gyina hɔ.


Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.


Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam?


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dedaadaw yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu Agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn Agya no?


Na mede anuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ biako, sɛnea yɛyɛ biako no.


Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.


Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no din no anni.


Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.


sɛ Onyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyan Yesu, sɛnea wɔakyerɛw dwom a ɛto so abien no mu sɛ: Wone me ba, ɛnnɛ na mawo wo.


Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,


na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen.


Onipa a odi kan no fi fam yɛ famni; onipa a otia abien no fi soro.


na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M'adom no dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu. Enti mede anigye pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.


na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.


efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu,


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro,


Na abɔfo mu hena na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ? Na bio: Mɛyɛ no Agya, na wayɛ me ɔba?


Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.


Na nea ɔtew ho, ne wɔn a wɔtew wɔn ho nyinaa wɔ abɔse biako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,


Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin, na mmom nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ!


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.


Na nnaadaafo bebree aba wiase a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu. Eyinom ne ɔdaadaafo ne antikristo no.


Na ɔhyɛ atade bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Onyankopɔn Asɛm.


Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne nkurɔfo, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios