Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɔwɔ wiase dada, na ɛnam ne so na wɔyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔwɔ wiase dada, na ɛnam ne so na wɔyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ɛberɛ no, na Asɛm no wɔ ewiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:10
23 Referencias Cruzadas  

Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa?


Na Abram dii mfirihyia aduakron akron no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ: Mene Nyankopɔn, Tweaduampɔn, nantew m'anim, na yɛ pɛ.


Na AWURADE ne Abraham wiee ɔkasa no, ɔkɔe, na Abraham san baa ne fi.


Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, wobuu no animtiaa na yɛammu no hwee.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.


na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so.


Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me;


Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


nanso wannyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.


Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa.


Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam,


yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.


efisɛ ne mu na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so, nea wohu ne nea wonhu, nhengua oo, wuradi oo, mpanyinni oo, tumidi oo, nneɛma no nyinaa, wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no.


Gyidi na yɛde te ase sɛ wiase ahorow, wɔde Onyankopɔn asɛm na asiesie, enti nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios