Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yoel 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Mmɛbɛw nnikae, mmoadabi adi, na mmoadabi nnikae, ntuntummɛ adi, na ntuntummɛ nnikae, mmɛbɛw adi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Deɛ aketekyire adi aka no, ntutummɛ adi. Na deɛ ntutummɛ adi aka no, mfuntie adi. Na deɛ mfuntie adi aka no, mmɛbɛ adi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nea mmoadabikuw no gyawee no, mmoadabi akɛse no awe; nea mmoadabi akɛse no gyawee no, mmoadabi nkumaa no awe; nea mmoadabi nkumaa no gyawee no, mmoadabi afoforo awe.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Deɛ aketekyire adi aka no, ntutummɛ adi. Na deɛ ntutummɛ adi aka no, mfuntie adi. Na deɛ mfuntie adi aka no, mmɛbɛ adi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no ntutummɛ akɛseɛ no awe deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no ntutummɛ nkumaa no awe deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no ntutummɛ afoforɔ awe.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Mmɛbɛw nnikae, mmoadabi adi, na mmoadabi nnikae, ntuntummɛ adi, na ntuntummɛ nnikae, mmɛbɛw adi.

Ver Capítulo Copiar




Yoel 1:4
19 Referencias Cruzadas  

Sɛ ɔkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɔhow, ɔpo, ntutummɛ, mmɛbɛw, sɛ ɛba oo, sɛ wɔn atamfo behiahia wɔn ho, wɔn kurow biara mu oo, ɔhaw biara oo, ɔyare biara oo,


Sɛ ɔkɔm ba asase yi so, sɛ ɔyaredɔm ba, sɛ ɔhow ne ɔpo, ntuntummɛ ne mmɛbɛw ba, sɛ wɔn atamfo behia wɔn ho wɔn kurow biara mu a, ɔhaw biara oo, ɔyare biara oo,


Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osu ntɔ, na sɛ mehyɛ mmoadabi sɛ wommedi asase no so ade, na sɛ mede ɔyaredɔm meba me man mu,


Ɔkae, na mmoadabi, ne mmɛbɛw a wɔn dodow nni ano, bae


Ɔde wɔn nnɔbae maa mmɛbɛw, na ɔde wɔn adwumade maa mmoadabi.


Na sɛ woampene amma me man ankɔ a, hwɛ, ɔkyena mɛma mmoadabi aba w'asase yi so,


na wɔabɛkata asase ani a obi renhu asase ani, na wɔabedi nnikae a amparuwbo no gyaw ma ɛka maa mo no, na wɔabedi nnua a ɛrefefɛw ama mo wɔ mfuw mu no nyinaa,


Na wɔtase asade sɛ ntuntummɛ tase ade, sɛnea mmoadabi huruhuruw no, saa ara na wohuruhuruw wɔ so.


Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ: Mede nnipa mɛhyɛ wo ma, sɛ mmɛbɛw, na wɔabɔ wo so se.


Munsi asase no so frankaa, monhyɛn ntorobɛnto amanaman mu; momma amanaman nnoa no so sa, munhyia Ararat, Mini ne Askenas ahenni nhyɛ no; munsi sahene nhyɛ no, momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛw manyamanya.


Na mfirihyia a mmoadabi, ntuntummɛ, mmɛbɛw ne nketekire, me dɔm kɛse a mesoma mebaa mo mu no dii no, mɛhyɛ mo ananmu.


Memaa ɔyow ne ɔpo baa mo so; mo nturo ne mo bobe nturo ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodow no ntuntummɛ wee; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.


Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, ɔrenwene mmoadabi, ɛbere a adom wura fii ase fifii, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wuratwa akyi adom wura.


Na mɛyaw odidifo no mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuw mu bobe aba ammɔ mo, asafo Awurade na ose.


Wode aba pii befi akɔ afum, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, efisɛ ntuntummɛ bedi.


Wo nnua nyinaa ne w’asase so aba, mmɛbɛw bɛfa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios