Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yoel 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Muntie eyi, mo mpanyimfo, na monyɛ aso, mo asase sofo nyinaa. So saa ade yi aba mo bere so anaasɛ mo agyanom bere so pɛn?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Montie yei, mo mpanimfoɔ, na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa. Saa adeɛ yi aba mo berɛ so anaa mo agyanom berɛ so pɛn?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo; muntie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Montie yei, mo mpanimfoɔ, na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa. Saa adeɛ yi aba mo berɛ so anaa mo agyanom berɛ so pɛn?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ; montie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Muntie eyi, mo mpanyimfo, na monyɛ aso, mo asase sofo nyinaa. So saa ade yi aba mo bere so anaasɛ mo agyanom bere so pɛn?

Ver Capítulo Copiar




Yoel 1:2
24 Referencias Cruzadas  

Nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu.


Hwɛ nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn mu, nea ɔsen w’agya panyin mpo.


Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa? Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso?


Na bisa awo ntoatoaso ɛ, na ma wo koma mmra nea wɔn agyanom abɔre ahu no so.


Aman nyinaa, muntie eyi, mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso.


O, Amanaman, muntwiw mmɛn mmetie, na mo nkurɔfo, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, ne wiase ne nea efi mu ba nyinaa.


AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: Ɛne Asaria hene.


Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohia bere ma Yakob; nanso wobefi emu hɔ ara agye no nkwa.


Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a wonni ti, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Monhyɛ abuadadi kronkron, mompae asɔfo nhyiam, mommoa mpanyimfo ano, asase sofo nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fi, na munsu mfrɛ AWURADE.


esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no fi teteete, na n’akyi nso ebi renyɛ sɛ ɛno awo ntoatoaso a edidi so mfe mu reyerɛw sɛ adekyeehema yerɛw mmepɔw so no.


Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ:


Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Muntie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom, O Israel fi.


Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.


Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?


Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi akannifo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,


Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!


Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios