Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 9:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Woama ɔman no mufo adɔɔso, woama n’anigye so, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asadekyɛ mu ahurusi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Woama ɔman no adɔre, woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ, wɔn ani gye w’anim sɛ twaberɛ mu anigyeɛ, sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Woatrɛw ɔman no mu woama wɔn ani agye mmoroso wodi ahurusi wɔ wʼanim sɛnea nnipa di ahurusi otwabere, sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn wɔ bere a wɔrekyɛ asade no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Woama ɔman no adɔre, woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ, wɔn ani gye w’anim sɛ twaberɛ mu anigyeɛ, sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Woatrɛ ɔman no mu; woama wɔn ani agye mmoroso; wɔdi ahurisie wɔ wʼanim sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ, sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Woama ɔman no mufo adɔɔso, woama n’anigye so, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asadekyɛ mu ahurusi.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 9:3
38 Referencias Cruzadas  

M’ani ka w’asɛm ho sɛ nea wanya asade pii.


Ɔno na munhuu no ɛ, nanso modɔ no. Ɔno na munhu no mprempren de, nanso mugye no di, na mo ho san mo anigye a enni kabea a anuonyam wɔ mu mu,


AWURADE, woma ɔman no dɔ, woma ɔman no dɔ, w’anim aba nyam, wotrɛw asase no ahye nyinaa mu.


Mo ne Yerusalem ani nnye, na munni ne ho ahurusi, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no ho nsɛpɛw mo, mo a mudi ne ho nkɔmmɔ nyinaa;


na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daadaa, ade a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.


Wɔn a AWURADE apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.


Na ɔde no sian kɔe; na hwɛ, asade bebree a wɔakɔfa Filistifo asase so ne Yuda asase so no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa redidi na wɔrenom na wɔresaw.


Na sɛ nea ɔsen no ahoɔden ba no so na odi no so nkonim a, ogye n’akode a n’ani da so no, na ɔkyɛ n’asade mu.


Wode anigye ahyɛ me komam asen bere a wɔn aburow ne wɔn nsaforo dɔɔso no.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Mɛbɔ hwirema mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ pii sɛ kan no.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ: Onyankopɔn ne mo na ɛte.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.


Wɔkɔ so dɔ no, wɔkɔ so yɛ me bɔne; wɔn anuonyam no, mɛdan no ahohora.


Na sɛ AWURADE se ni: Monto Yakob ho ahurusi dwom, mommɔ ose mma amanaman ti no. Momma wɔnte, munyi ayɛ, na monka sɛ: AWURADE, gye wo man, Israel nkae no nkwa.


AWURADE mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho.


Mo aniwu no ananmu mubenya mmɔho, na ahohora ananmu mubedi mo kyɛfa ho ahurusi; ɛno nti mubenya mmɔho, mo asase so, daa anigye bɛyɛ mo dea.


Na anigye na mode befi akɔ, na wɔde asomdwoe agya mo kwan; mo nti mmepɔw ne nkoko bɛto anigye dwom prɛko pɛ, na wuram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam.


To dwom, wo bonin a woanwo; to anigye dwom na fa ahosan teɛm, wo a wonkyem mma ɛ! Na onnibie mma bɛdɔɔso asen nea ɔwɔ okunu mma, AWURADE na ose.


nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu AWURADE anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; AWURADE a yɛn ani daa no so no ni. Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.


Na ohyiraa wɔn maa wɔn ase fɛee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhuan.


Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba so abedi so no so.


Ahene, muntie! Abirempɔn, monyɛ aso! Me de, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sanku dwom.


Na anigye kɛse baa kurow no mu.


ɔma aman nya nkɔso, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛw amanaman mu, na otu wɔn kɔ;


hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asu yɔɔ.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mibubuu mo kɔndua na mema monantewee tee no.


Na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrante kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsra no nyinaa so; na ɛdɔm no nyinaa guan kosii Bet-sita wɔ Serera, kosii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.


Na Seba ne Salmuna guanee, na otiw wɔn kɔkyeree Midian ahene baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.


Na asafo AWURADE behim mpire ahyɛ no, sɛ okum Midian, Oreb botan so no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim de no.


AWURADE abubu abɔnefo abaa ne wɔn a wodi panyin poma no mu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios