Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 8:3
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔsɔfo Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ odiyifo bea Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba Salum, ntade sohwɛfo no, yere nkyɛn, nso na ɔte Yerusalem: Ɔfa a ɛto so abien mu, na wɔne no kasae.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa kyerɛwpon kɛse, na fa ɔdesani krammɛn kyerɛw so sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.


Na ade kyee no, Pashur tuu Yeremia fii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pashur a ase ne: Ahosɛpɛw no na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib. Saa din yi ase ne: Ehu wɔ afa nyinaa.


Nso odiyifobea Debora a ɔyɛ Lapidot yere na odi Israel anim saa bere no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios