Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa kyerɛwpon kɛse, na fa ɔdesani krammɛn kyerɛw so sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa kyerɛwpon kɛse, na fa ɔdesani krammɛn kyerɛw so sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 8:1
11 Referencias Cruzadas  

Afei kɔ na kyerɛw gu ɔpon bi so ma wɔn, na kurukyerɛw hyɛ nhoma mu, na ɛntena hɔ nkosi daa daa, na ɛnyɛ adansedi afebɔɔ


Kyekyere adanse no, sɔw kyerɛ no ano, m’asuafo mu.


Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.


Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo yi hyɛ nhoma mu fa.


Fa nhoma mmobɔwee bi kura, na kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa no ho nyinaa, fi da a mekasa mekyerɛɛ wo, fi Yosia bere so de bedu nnɛ da yi no hyɛ mu.


San fa mmobɔwee foforo, na kyerɛw kan nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee no mu a Yuda hene Yehoiakim hyewee no nyinaa hyɛ mu.


Ɛnna Yeremia faa mmobɔwee foforo de maa Neria ba ɔkyerɛwfo Baruk, na ɔkyerɛw nhoma a Yuda hene Yehoiakim de ogya hyewee no mu nsɛm no nyinaa fi Yeremia anom hyɛɛ mu, na wɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno nso kaa ho.


Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Nea ɔwɔ ntease mmu aboa no akontaa ntoano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia.


Na osusuw ne fasu no basafa ɔha aduanan anan, a ɛyɛ onipa nsusuwii sɛnea ɔbɔfo de no te.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios