Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Fi kohyia Ahas wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tare suka no ano a ɛkyerɛ ntamasifo afuw tempɔn so no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Fi kohyia Ahas wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tare suka no ano a ɛkyerɛ ntamasifo afuw tempɔn so no,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 7:3
14 Referencias Cruzadas  

Remalia ba Peka afe a ɛto so dunson mu na Yuda hene Ahas a ɔyɛ Yotam ba bedii hene.


Ɛnna Asaria hene somaa ne sahene, anaa Tartan, ne Rabsaris anaa opiani ne ɔhene nsahyɛfo panyin anaa Rabsake fi Lakis ne dɔm a emu yɛ duru baa ɔhene Hesekia nkyɛn Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem; na wobegyinaa atifi tare a ɛwɔ Ɔtamahorofo asasewa no tempɔn ho no suka ho.


Na Hesekia ho nsɛm nkae ne ne mmaninne nyinaa ne sɛnea ɔyɛɛ ɔtare ne suka na ɔde nsu no baa kurow no mu no, wɔakyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.


Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Bet-sur abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu de kosii Dawid adamoa ntentenso ne ɔtare a wɔyɛe no ho ara de kosii nnɔmmanin fi.


Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; hwɛ, ɔrefi adi akɔ asu no ano; na kogyina asu no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdan ɔwɔ no kura.


Nkae no bɛsan aba, Yakob nkae bɛba Onyankopɔn tumfo no nkyɛn.


na mobɛkan Yerusalem adan, na moaburuw adan no, sɛ mode rewowaw fasu no;


na mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no.


Na Asaria hene somaa Rabsake no fii Lakis baa Yerusalem ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duru bae; na obegyinaa atifi tare a ɛwɔ ɔtamahorofo asasewa tempɔn no so no suka ho.


Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a, wɔbɛsan ahyew wɔn bio, sɛ odum anaa dupɔn a wɔatow ahwe fam, na esin si hɔ: Na asefo kronkron ne ne dunsin no.


Sɛ AWURADE se ni: Sian kɔ Yuda hene fi, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ:


Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios