Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 7:2
28 Referencias Cruzadas  

Na wo fi ne w’ahenni betim akosi daa m’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.


na m’akoa Dawid ne kurow Yerusalem a mafa afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no nti abusuakuw biako na ɛnyɛ ne de;


Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu, monkokɔ mo afi mu, Israel, afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel siim kokɔɔ wɔn afi.


Na ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka no sɛ: Afɔremuka, afɔremuka, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fi a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔhyew wo so aduhuam no bɛbɔ afɔre, na wahyew nnipa nnompe wɔ wo so.


Na Amasia paee asafo a wofi Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkokɔ wɔn tenabea. Na wɔn bo fuw Yuda sɛ, na wɔde abufuhyew san kokɔɔ wɔn tenabea.


Ɛnna Efraimfo atitiriw mu binom, Yohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia ne Salum ba Yehiskia ne Hadlai ba Amasa sɔresɔre hyɛɛ wɔn a wofi sa bae no,


AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.


Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.


Na Efraim anibere befi akɔ, na Yuda ahohiafo ase agu; Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.


Na mede Dawid fi safe mato ne mmati, na wahiɛ, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhiɛ.


na emufo a wɔagurow no ho adwiriw wɔn na wɔn ani awu, na wɔadannan sɛ mfuwa so ahaban ne wura momono, adan atifi wura ne awi a ennya mmaa ne ho so na aguan.


Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid ntia.


Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a, wɔbɛsan ahyew wɔn bio, sɛ odum anaa dupɔn a wɔatow ahwe fam, na esin si hɔ: Na asefo kronkron ne ne dunsin no.


Ɛnna ose: Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo so, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso?


AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: Ɛne Asaria hene.


Esiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:


Mommfrɛ ade a ɔman no frɛ no atirisopam no nyinaa sɛ atirisopam, na wɔnsuro nso munnsuro, na mo bo nntu.


sɛ ɔman mu no nyinaa nhu, Efraim ne Samariafo a wɔde ahantan ne ahomaso ka sɛ:


Dawid fi, sɛ AWURADE se ni: Munni asɛntrenee anɔpa, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na m’abufuhyew amfi sɛ ogya ammɛhyew a obi rennum, mo nsɛnnii bɔne no nti.


Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na ɔhene Herode tee no, ɔne Yerusalemfo nyinaa akoma tui;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios