Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 7:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba, baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Usia babarima Yotam babarima Ahas bedii Yudaman so hene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoe, nanso wɔantumi anni ne so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Usia babarima Yotam babarima Ahas bɛdii Yudaman so ɔhene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoeɛ, nanso wɔantumi anni ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba, baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 7:1
15 Referencias Cruzadas  

Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfi aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfo mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na okum no, na obedii n’ade.


Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonu abien mu na Remalia ba Peka bedii Israel so hene Samaria mfe aduonu.


Nna no mu na AWURADE fii ase somaa Siria hene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda so.


Remalia ba Peka afe a ɛto so dunson mu na Yuda hene Ahas a ɔyɛ Yotam ba bedii hene.


Ɛbere no mu na Siria hene Resin ne Israel hene Remalia a ne ba ne Peka, foro baa Yerusalem bɛkoe; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni no so.


Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.


Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,


Na AWURADE bɛma Resin ahohiafo so ahyɛ no, na wahwanyan n’atamfo:


Siria ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow nti; nsramma bo, ntama a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne nnɛnkyerema na wɔde bɛsesa wo hɔ ade;


AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.


AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios