Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE bɛyɛ omununkum ne owusiw awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔw so tenabea nyinaa ne nkurɔfo a wɔahyia hɔ so, na katamanso akata anuonyam no nyinaa so;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE bɛyɛ mununkum ne wisie awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ so, na akatamansoɔ akata animuonyam no nyinaa so;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Bepɔw Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wusiw mununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya a ɛdɛw akata wɔn so anadwo; ntama kyinii bɛkata anuonyam yi nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE bɛyɛ mununkum ne wisie awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ so, na akatamansoɔ akata animuonyam no nyinaa so;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE bɛyɛ omununkum ne owusiw awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔw so tenabea nyinaa ne nkurɔfo a wɔahyia hɔ so, na katamanso akata anuonyam no nyinaa so;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 4:5
25 Referencias Cruzadas  

Na wode omununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam so no so.


Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde gya kanea nso gyaa wɔn.


Sɔre haran, na wo hann aba, na AWURADE anuonyam apue wo so.


Mede me gye mabɛn, enni akyiri, na me nkwagye renka akyiri. Mede nkwagye mesi Sion, na mede m’anuonyam mama Israel.


Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no, w’aniwa behu Yerusalem, ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da na ne ntampehama biara rentetew no.


Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no, na anuonyam atena yɛn asase so.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, kronkronfo guabɔ kɛse no mu, na wosuro no sen wɔn a wɔatwa ne ho asi nyinaa.


Na anɔpa srabere mu no, AWURADE faa ogya ne mununkum dum no mu hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraw wɔn,


Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid ntia.


na me man bɛtena asomdwoe fi, ne ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.


Munyi AWURADE ayɛ! Mede me koma nyinaa mɛkamfo AWURADE, treneefo guabɔ ne asafo mu.


Na fa mmirekyi nwi yɛ ntama, na fa yɛ tenabea no so ntamadan; yɛ no ntama dubiako.


Na tenabea no, yɛ no ntama du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi. Yɛ emu kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni.


Na nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔ wɔn mfinimfini.


Na AWURADE anuonyam bɛtenaa Sinai bepɔw so, na omununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛto so ason no, ofi omununkum no mu frɛɛ Mose.


Ɔtrɛw omununkum mu yɛɛ nkataso, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.


Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; nanso AWURADE bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios