Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase, ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie, sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade. Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase, ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie, sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade. Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 3:8
35 Referencias Cruzadas  

Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den sen no anaa?


Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn atirimmɔdensɛm ne nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne na wuntumi nhwɛ ɔhaw, ɛdɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo, na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a, woyɛ komm?


Ne saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan abo akuakuw, na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fi amumɔyɛ so kɛse pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na asɛm anidan ayɛ kurow no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agyaw asase no, na AWURADE nhu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea Israel fi mpanyimfo reyɛ esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmiako mmiako? Efisɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agyaw asase no.


Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm Yuda hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobefuntum Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan afabo akuwakuw, na ofi no bepɔw no adan kwae mu sorɔnsorɔmmea.


ɛno de mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na mede kurow yi mɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.


Hena ho fɛw na mudi yi? Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom na motwe mo tɛkrɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma ne atoro asefo ne mo anaa?


Enti Awurade annya wɔn mmerante ho anigye, na ne yam anhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho, na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo, na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Mo asase, ada ntuw; mo nkurow, wɔde ogya ahyew, mo mfuw, ananafo redi, mo anim, na asɛe sɛ ananafo abutuw no.


Ɛnna AWURADE maa Asaria hene asahene baa wɔn so, na wɔde akɔtɔkoro kyeree Manase, na wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.


Na Filistifo nso beguu tataw so ne Yuda nifa fam nkurow so, na wogyee Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.


Na mise: Oo Awurade, enkosi da bɛn? Na ose: Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofo a obi nte mu, na afi ada ntuw a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ afo koraa,


Na w’amamfo ne wo nkurow a asɛe ne w’afasusin asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena so no rensen, na wɔn a wɔmene wo no akɔ akyirikyiri.


Na mogya akeka mo nsam, na amumɔyɛ agu mo nsatea ho fi; mo ano keka atosɛm, mo tɛkrɛma woro nkontompo.


Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe.


Efi wɔn bɔne a wɔyɛe de huruu me bo; sɛ wɔkɔ kɔhyew aduhuam de som anyame foforo a wɔne mo ne mo agyanom nnim wɔn no nti.


N’ahohwi bra ada adi n’atade mmuano mu; wannwene ne daakye ho, enti n’asehwe yɛ hu; onni ɔwerɛkyekyefo bi. AWURADE, hwɛ m’amane, na ɔtamfo di akokurokosɛm!


Nhyɛso ayɛ emu adefo amaama na emufo ka atosɛm na wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa wɔn anom.


Nea otu amoa bɛhwe ɛno ara mu, na nea omunum ɔbo no, ɛbɛsan aba no so.


Na AWURADE atemmusɛm no de, mommmɔ din bio, na obiara asɛm bɛdan no adesoa, efisɛ moadannan Onyankopɔn teasefo, asafo AWURADE, yɛn Nyankopɔn nsɛm ani.


Na Israel ahantan bedi n’anim adanse, na Israel ne Efraim behintiw wɔn amumɔyɛ mu; Yuda nso ne wɔn ahintiw.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios