Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, beyi Yerusalem ne Yuda akyidua nyinaa, akyidua sɛ nnwumayɛfo nyinaa, akyidua sɛ aduan nyinaa ne akyidua sɛ nsu nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebegyae nea ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebɛgyae deɛ ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, beyi Yerusalem ne Yuda akyidua nyinaa, akyidua sɛ nnwumayɛfo nyinaa, akyidua sɛ aduan nyinaa ne akyidua sɛ nsu nyinaa,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 3:1
19 Referencias Cruzadas  

Na mebubu mo aduan dua, na mmea du ato mo abodoo fononoo biako mu, na wɔakari mo abodoo ama mo, na mubedi na moremmee.


Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne, di afomfonsɛm bi, na meteɛ me nsa wɔ so na mibu n’abodoo dua mu, na mema ɔkɔm ba asase so na mitwa nnipa ne mmoa fi so,


Enti Asafo AWURADE, Israel tumfo no, asɛm ni: Ao, meyi m’abufuhyew makyerɛ m’ahohiafo, na mɛtɔ were m’atamfo so.


Me wura ɔhene, nea mmarima yi de ayɛ odiyifo Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔatow no akyene amoa mu sɛ ɔkɔm nkum no, nea ɔwɔ hɔ, efisɛ aduan bi nni kurom bio.


Ɛnna ɔhene Sedekia hyɛe ma wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfo abangua mu, na da koro wɔma no abodoo sebɔw fi abodootofo borɔn mu kosii sɛ abodoo nyinaa sae kurow no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu ara.


Sɛ wo wura, AWURADE, ne wo Nyankopɔn a odi ma ne man no se ni: Hwɛ, migye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyew kuruwa no, worenkɔ so nnom bio.


Na Rabsake no se: Me wura asoma me wo ne wo wura ne mmarima a wɔtete ɔfasu yi so nkyɛn a wadome wɔn te sɛ mo, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara?


Enti wɔrebetu me man akɔ, nimdeɛ a wonni nti; na ɔkɔm bekum n’anuonyamfo, na osukɔm ade ne nnipa dodow;


Montwe mo ho mfi onipa a ahome wɔ ne hwenem no ho, na wobu no dɛn koraa?


Na ɔmaa ɔkɔm baa asase no so, obubuu aduan poma nyinaa mu.


Na AWURADE aka sɛ: Esiane sɛ Sion mmabea yɛ ahantan na wɔtoto wɔn kɔn deda wɔn ani akyi nantew, na wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyigye nti,


Na wohwim di, nifa so, nanso ɔkɔm de wɔn ara, na wodidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara nsa ho nam.


Na AWURADE abufuw nti na ɛbae saa, Yerusalem ne Yuda, de kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui. Na Sedekia tew Babel hene anim atua.


Ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron no, ɔkɔm no mu yɛɛ den kurow no mu, na aduan biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfo no.


Nsu a yɛnom no, ɛsɛ sɛ yetua ka; yɛn nnyina, wɔtɔn ma yɛn.


Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkurow nyinaa mu, na mudii aduankɔm mo tenabea nyinaa mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.


Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen? So ɔhene bi nni wo mu, anaasɛ wo fotufo no ayera, na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi?


Ɔsram a ɛto so anan da a ɛto so akron no na ɔkɔm no mu yɛɛ den kurow no mu, na aduan bi nni hɔ mma asase no so nkurɔfo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios