Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 26:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Munhiɛ apon no na ɔman trenee nhyɛn mu, ɔman a wɔkora nokwaredi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mummuebue apon no na atreneefo man no nhyɛn mu, ɔman nokwafo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mommuebue apono no na ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu, ɔman nokwafoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Munhiɛ apon no na ɔman trenee nhyɛn mu, ɔman a wɔkora nokwaredi no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 26:2
25 Referencias Cruzadas  

na minhu wɔn a woapaw wɔn no yiyedi, na m’ani nnye wo nkurɔfo no anigye ho bi, na me ne w’agyapade nhyehye yɛn ho.


Munhiɛ trenee aponkɛse mma me, na menhyɛn mu menna AWURADE ase.


AWURADE ponkɛse ni, treneefo bɛhyɛn mu.


Mo aponkɛse, momma mo ti so, na mo, tete apon, montrɛw mo ho mu, na anuonyam hene no ahyɛn mu.


Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. Eyinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfo.


AWURADE mu na Israel asefo nyinaa bedi bem ahyehye wɔn ho.


Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro, na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo.


Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni.


Ɛno na wo hann begyigye sɛ adekyee, na w’akwahosan afefɛw ntɛm; wo trenee bedi w’anim, na AWURADE anuonyam abɔ wo kyidɔm.


Na wo kurow apon ano bɛda hɔ daa yi, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfo de amanaman ahonyade abrɛ wo, wɔne wɔn ahene a woyuw wɔn.


Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu; na wobɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne wo kurow apon nso Ayeyi.


Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akosi sɛ ne trenee bepue sɛ adekyee hann, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.


Monsen, monsen mfa kurow apon no mu, mommɔ ɔman no kwan; muntu ngu so, muntu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so abo; munsi so frankaa na aman no nhu.


Na amanaman behu wo trenee, na ahene nyinaa ahu w’anuonyam, na wɔato wo din foforo a AWURADE ano bɛkyerɛ no.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba,


na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu no.


Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.


Na amanaman no bɛnantew ne hann no mu; na asase so ahemfo de wɔn anuonyam bɛba mu.


Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios