Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 26:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu AWURADE kɛseyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de, nanso wonsua treneeyɛ; na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wommu Awurade kɛseyɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ, nanso wɔnnsua tenenee yɛ; na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wɔmmu Awurade kɛseyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu AWURADE kɛseyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 26:10
36 Referencias Cruzadas  

Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.


Na mama no bere sɛ ɔmfa nsakra n’adwene mfi n’aguamammɔ mu, na wansakra.


Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti.


Na mede mo mebaa asasebere so, sɛ munni ɛso aba ne ɛso nnepa; nanso mobae no, na mubeguu m’asase ho fi, na mode m’agyapade yɛɛ akyide.


Na nea mahu bio owia ase ne atemmubea a abɔnefosɛm wɔ hɔ ne treneebea a amumɔyɛ wɔ hɔ.


Na ntetekwaa akyirisan bekum wɔn, na nkwasea yiyedi bɛsɛe wɔn.


Ogyee wɔn mpɛn pii, na wɔn de, wɔyɛɛ mpi tew atua, na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumɔyɛ mu.


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


Na Farao hui sɛ osutɔ ne amparuwbo ne aprannaa no to atwa no, ɔsan yɛɛ bɔne bio, na ɔhyɛɛ ne koma den, ɔno ne ne nkoa.


Na Farao hui sɛ wanya ahotɔ no, ɔhyɛɛ ne koma den, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.


Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.


Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Minya mede wɔn nnommum mesan meba a, wɔbɛda so aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkurow mu sɛ: AWURADE ahyira wo, trenee tenabea, bepɔw kronkron.


Na da no wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse, na wɔn a wɔyerae Asaria asase so ne wɔn a wosum wɔn kɔɔ Misraim asase so no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔw kronkron no so, Yerusalem.


Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.


na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.


AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ anuonyam nti, hyɛn ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfutuma mu.


Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.


Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;


Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm na ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnteɛ, sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan, na wama anonne abɔ nea odi sukɔm.


Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔrefi no atifi,


Na wo ne wo nkoa de, minim sɛ munnya nsuroo AWURADE Nyankopɔn ɛ.


Ma amumɔyɛ mmɔ wɔn amumɔyɛ so, na mma wɔmmma wo trenee mu.


Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware.


Nanso wɔamfi Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no fi bɔne ho; ɛno ara na ɔyɛe; na Asera dua no nso sii Samaria.


Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti, na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.


Ɛdɛn na kurow nokwafo adan aguaman yi? Nea anka kan atemmu ayɛ no ma, na trenee nso te mu, na afei de, awudifo nko!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios