Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 26:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase so sɛ: Yɛwɔ kurow a ɛyɛ den ɔde nkwagye ayɛ afasu ne mpempe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ ayɛ afasuo ne epie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn dennen; Onyankopɔn de nkwagye ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ ayɛ afasuo ne epie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛda no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn denden; Onyankopɔn de nkwagyeɛ ayɛ nʼafasuo ne nʼafaban a ɛkorɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase so sɛ: Yɛwɔ kurow a ɛyɛ den ɔde nkwagye ayɛ afasu ne mpempe.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 26:1
34 Referencias Cruzadas  

Na wobuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyi ne aseda no mu sɛ “Na oye, n’adɔe wɔ hɔ daa” Israel so. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛse AWURADE ayeyi no mu sɛ wɔahyɛ AWURADE fi no ase nti.


Nhyira ne AWURADE sɛ wama n’adɔe ayɛ nwonwa ama me, kurow a ahohiahia wɔ mu.


Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn, monkan n’abantenten,


Na hwɛ, ahene behyiae, wɔboom yuu bae.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.


Kurow pon, twa adwo, kurokɛse, teɛm ɛ! Wo Filistia nyinaa ma wo bo ntu, efisɛ owusiw fi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyiri.


Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Ɛda no nnipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene ama akisi ne mpan,


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; AWURADE a yɛn ani daa no so no ni. Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.


Sɛnea nnomaa a wotu yɛ no, saa ara na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, obetwa ho na wakyɛe so.


Na ne botan de ehu bɛsen akɔ, na n’asafohene de ahopopo afi frankaa no ho, AWURADE a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ose.


Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmu ne trenee ahyɛ Sion ma.


Na ɔmannwoe, nkwagye, nyansa ne nimdeɛ mmoroso bɛba wo bere so; AWURADE suro ne n’ademude.


Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.


Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho. Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebere koko bi so;


mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne din a eye sen mmabanin ne mmabea; daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma mo.


Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu; na wobɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne wo kurow apon nso Ayeyi.


Monsen, monsen mfa kurow apon no mu, mommɔ ɔman no kwan; muntu ngu so, muntu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so abo; munsi so frankaa na aman no nhu.


Hwɛ, AWURADE ama wɔate akodu asase awiei noho sɛ: Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo nkwagye reba, hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE oye na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose.


Na hwɛ, ɔfasu atwa ofi no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tenten yɛ basafa abiɛsa wɔ ne nsam, ne nsam trɛw da anammɔn biako ne fa biara so, na osusuw ɔfasu no trɛw, demmire no biako, na ne korɔn nso demmire biako.


na me de, Awurade asɛm ni, m’ankasa mɛyɛ no ogya fasu matwa ne ho ahyia, na mayɛ ne mu anuonyam.


Na hwɛ, wɔn so na mehwim me nsa na wɔadannan afow ade ama wɔn nkoa, na moahu sɛ asafo Awurade na asoma me.


Ɛbere no mu na Israel too dwom yi sɛ Asubura, tue! Munnye no so!


Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios