Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 23:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na wɔfaa nsu bebree so wo sika fi Sihor nnɔbae mu, ne Nil ano awi bae, na woyɛɛ amanaman mu aguadifo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na wɔfaa nsuo bebree so de Sihor nnɔbaeɛ, ne Nil ano ayuo bae, na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nsu akɛse no so na aduan fi Sihor nam bae; Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto, na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na wɔfaa nsuo bebree so de Sihor nnɔbaeɛ, ne Nil ano ayuo bae, na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nsuo akɛseɛ no so na aduane firi Sihor nam baeɛ; Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ, na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na wɔfaa nsu bebree so wo sika fi Sihor nnɔbae mu, ne Nil ano awi bae, na woyɛɛ amanaman mu aguadifo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 23:3
12 Referencias Cruzadas  

Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de fi Misraim Sihor ara kosii, nea wɔrekɔ Hamat ano, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka no afi Kiriat-yearim aba.


Nil kɔn so ne Nil ano wura a efuw ne ade a wɔadua Nil ho nyinaa bɛhyew apete asɛe pasaa;


Hena na ɔbɔɔ ne tirim pɔw yi hyɛɛ Tiro abotirimafo no, a n’aguadifo yɛ mmakoma ara nko, na n’adetɔnfo yɛ asase so anuonyamfo ara nko no?


Nhyira ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho, na moma nantwi ne afurum nantew kwa.


Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi? Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi?


W’aguade fi po nyinaa mu bae no, wode maa aman bebree mee, w’ahonyade ne w’aguade dodow na wode maa asase so ahene nyaa wɔn ho.


wo nyansa ne wo nhumu so na woanya ade afa, na woanya sika ne dwetɛ agu w’akorade mu,


Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinne a ɛsɔ ani a eye no kokɔɔ mo asɔrefi.


Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae a wuguu w’aba na wode wo nan guguu so nsu sɛ ɛfan turo mu no;


ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios