Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 2:4
26 Referencias Cruzadas  

Obedi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ ti, asase a ɛtrɛw so.


Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so.


Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.


Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wubedi ade, amanaman nyinaa mu.


Wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn. Ɔrebebu wiase atɛn trenee mu, ne amanaman, ne nokware mu.


na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa;


na me man bɛtena asomdwoe fi, ne ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.


Na AWURADE ne yɛn temmufo, AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefi wusiw no, ɔrennum; nokware so na obeyi atemmu adi;


Na ɔko kitikitiyɛ mu akofo mpaboa nyinaa ne ntama a wɔde afɔtɔfɔtɔw mogya no, wɔbɛhyew no sɛ ade a wɔde sɔ gya.


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mebubu ɔta ne nkrante ne akodi afi asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


na megye wo aware mafa, gyidi so, na woahu AWURADE.


Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa, na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw. Nea wagurow nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.


Amanaman nsɔre ntu mmra Yehosafat bon no mu; na ɛhɔ na mɛtena ase mabu amanaman a wofi afa nyinaa atɛn.


Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.


Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim, ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem, na wɔatwa akodi ta nso; na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei.


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.


AWURADE atamfo bewie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bebu asase ano atɛn, ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama nea wasra no ngo no abɛn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios