Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na nna a ɛreba no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betim sɛ mmepɔw no nyinaa ti; ebegye din aboro nkoko nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na nna a ɛreba no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 2:2
56 Referencias Cruzadas  

Na Yakob frɛɛ ne mma se: Mommoaboa mo ho ano, na menka mo nea ɛbɛyɛ mo, nna a edi akyiri no mu.


Na me de, minim sɛ me dimafo te ase, na awiei no, obedi m’asɛm ama me wɔ asase yi so.


Wagow me tumi mu ɔkwan mu, watwa me nna so.


Bisa me na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano noho adi so.


Asase ano ano sofo nyinaa bɛkae adan aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuw nyinaa abɛkotow n’anim.


Na ahenni wɔ AWURADE, na odi amanaman so.


Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔw, benkum fam twɔtwɔw no, ɔhenkɛse kurow no.


Onyankopɔn ko teaseɛnam si mpem mpem ɔpehuhaa, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano.


Amanaman a woyɛe nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, Awurade, na wɔabɛhyɛ wo din anuonyam.


Onyankopɔn kurow a ɔkyekyee wɔ mmepɔw kronkron so:


AWURADE dɔ Sion apon sen Yakob tenabea nyinaa.


Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.


Na asafo AWURADE bɛtow aman nyinaa pon Sradeduan, nsa a akyɛ, srade ne hon, nsa a wɔasɔn so.


Na da no wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse, na wɔn a wɔyerae Asaria asase so ne wɔn a wosum wɔn kɔɔ Misraim asase so no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔw kronkron no so, Yerusalem.


Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔde atɛntɛbɛn nnwom rekɔ AWURADE bepɔw so, Israel botan no nkyɛn.


ose: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuw so, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba; na mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.


mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne din a eye sen mmabanin ne mmabea; daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma mo.


mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so; na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.


Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.


Na mo a mugyaw AWURADE na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no,


Na wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛde ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔw kronkron Yerusalem so, AWURADE na ose, sɛnea Israel mma de aduan afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu ba AWURADE fi no.


Na ɛbɛba sɛ efi ɔsram foforo kosi foforo so, ne efi homeda kosi foforo so, na ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ose.


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen ne me guankɔbea ahohia da mu, wo nkyɛn na amanaman befi asase anoano aba abɛka sɛ: Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no, ahuhude a mfaso nni mu.


AWURADE abufuw no rensan kosi sɛ ebewie na ama ne koma mu adwene agyina; nna a edi akyiri no mu no na mubehu mu pefee.


Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm Yuda hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobefuntum Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan afabo akuwakuw, na ofi no bepɔw no adan kwae mu sorɔnsorɔmmea.


Ɛbere no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahengua, na amanaman nyinaa abehyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔrenni wɔn koma bɔne denyɛ akyi bio.


AWURADE abufuw hyewhyew rensan, gye sɛ ayɛ ne komam nsusuwii ama atim ansa; nna a edi akyiri no mu na mobɛte eyi ase.


Na wɔbɛba abɛto ahurusi dwom, Sion sorɔnsorɔmmea ho, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduan ne nsa ne ngo ne nguammaa ne anantwi ho, na wɔn kra ayɛ sɛ turo a anya nsu pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.


Nso mede Moab nnommum mɛsan aba, nna a edi akyiri no mu, AWURADE asɛm ni. Nea Moab atemmu no aso ne ha.


Nanso nna a edi akyiri no mu no, mede Elam nnommum mɛsan maba, AWURADE asɛm ni.


Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ, na mayi nea wamene no afi n’anom, na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio; Babel afasu nso ahwe ase.


na wubetu aba me man Israel so sɛ omununkum abɛkata asase no so? Nna a edi akyiri no mede wo mɛba m’asase so, na amanaman ahu me, bere a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim no, oo, Gog!


Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me baa Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kurow bi a wɔakyekye anafo fam.


Na maba sɛ merebɛma woate nea ɛbɛyɛ wo man, nna a edi akyiri no mu; na nna no ho anisoadehu da so wɔ hɔ.


nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye. Wo dae ne w’anisoade a woda wo mpa so no wuhui no ni:


ɛnna dade, ɛfa, kɔbere, dwetɛ ne sika no bubuu dukuduku prɛko pɛ, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu baabiara bio; na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.


Ɛno nti wuhui sɛ ɔbo a nsa anka tew fii bepɔw no ho, na ebebubu dade, kɔbere, ɛfa, dwetɛ ne sika no dukuduku. Onyankopɔn kɛse no akyerɛ ɔhene nea daakye ɛbɛba, na ɔdae no wom na ne nkyerɛase yɛ nokware.


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Asase no nyinaa bɛdan ayɛ sɛ Araba tataw so afi Geba akosi Rimon a ɛwɔ Yerusalem nifa fam, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afi Benyamin ponkɛse ano de akosi kan ponkɛse no sibea de akosi twea ponkɛse no ano, na afi Hananel abantenten no ho de akosi ɔhene nsa-kyi-amoa no ho.


Na AWURADE bedi asase no nyinaa so hene; ɛda no, AWURADE bɛyɛ biako, na ne din ayɛ biako.


Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo AWURADE akyi kwan Yerusalem, na wɔakotow asrɛ AWURADE anim.


Sɛ AWURADE se ni: Meresan maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokware kurow, ne asafo AWURADE bepɔw no nso sɛ: Bepɔw kronkron.


Na amanaman nyinaa bebu mo ahotɔfo, na mobɛyɛ anika asase, asafo Awurade na ose.


Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa nkyerɛ wo nea ɔman yi bɛyɛ wo man nna a edi akyiri no mu.


sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a edi akyiri no mu no mehwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mmerante ahuhu anisoade, na mo mpanyin asoso adae;


Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.


nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.


Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios