Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba atia nea ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa, ne nea wɔama so nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofo nyinaa ne nea ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofoɔ nyinaa ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba atia nea ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa, ne nea wɔama so nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 2:12
42 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ obegurow ahoɔfɛ ne ahantan nyinaa, na wahura asase so anuonyamfo nyinaa ho.


Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ AWURADE akyide, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.


momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na ɔhonam no nsɛe, na wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.


Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.


Wonnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no! AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn? Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


Mommforoo nnkogyinaa ntokuru no mu, na munntwaa Israel fi ho ban, sɛ ebegyina akono, AWURADE da no.


Saa da no yɛ AWURADE, asafo AWURADE de, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afoa bedidi amee, na wɔn mogya ama abow, na AWURADE, asafo AWURADE, wɔ okum afɔre, benkum fam asase so, wɔ asu Eufrate ho.


Ɛda no, AWURADE bɛtwe ɔsoro dɔm aso, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam.


Asase abotow na akisa, asase asɛe, na akisa, na ɔsoro ne asase so anuonyamfo asɛe.


Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimmɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase no afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so.


Munsu na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no.


Na ɔman a wohu amane no wugye wɔn, na w’ani sa ahantanfo na woabrɛ wɔn ase.


Adɛn nti na Otumfo nhyɛ bere ntua abɔnefo ka, na wɔn a wonim no no nhu ne bere no?


AWURADE, me koma mma ne ho so, na m’ani ntra ne ntɔn, na menyɛ apɔmpɔmpɛ, na menhwehwɛ anwonwade a ɛkyɛn me.


Mɛma mmepɔw ne nkoko atwintwam, na mama ɛso nhaban nyinaa agunguan; na madan nsubɔnten nsupɔw, na mayow atare nyinaa.


na mempae AWURADE anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ,


Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohia bere ma Yakob; nanso wobefi emu hɔ ara agye no nkwa.


Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen abusua yi ho bɔne a morentumi nyiyi mo kɔn mfi mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ bere bɔne.


na matwitwa w’asase so nkurow agu, na madwiriw w’abandennen nyinaa;


torobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasu mu nkurow ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so.


Ɛda no w’ani renwu wo nneyɛe a wode too me mmara no nyinaa ho bio, na emu na meyi wɔn a wodi ahantan mu ahurusi no afi wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔw kronkron no so.


Na wo na woma me kanea dɛw, AWURADE me Nyankopɔn, hyerɛn me sum mu.


AWURADE serew no, efisɛ wahu sɛ ne da reba.


Asase temmufo, ma wo ho so, tua ahokyerɛfo ka.


Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam, na wɔabrɛ ahantanfo aniwa ase;


Na sɛ Awurade nya yɛ n’ade a ɔbɛyɛ, Sion bepɔw so ne Yerusalem wie a, mɛba mabetua Asaria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, de tumi a ɛyɛ hu resuaw nnubaa kusuu no, nnutan a ɛwowaree no, wobetwa agu, na nea ɛkorɔn no abrɛ ase;


Na mɛba mabɛtwe wiase aso, ne bɔne ho, ne abɔnefo aso, wɔn amumɔyɛ ho, na mama ahantanfo ahomaso no to atwa, na ahupoofo ahokyerɛ abrɛ ase;


Mmom asaman na woresian akɔ akodu amoa no ase tɔnn.


Ɔno na ɔma abirempɔn yɛ sɛ wɔnyɛ hwee, ɔdan asase so akannifo sɛ ahuhude.


So m’agyapade adan me ɔkɔre a ɔdɛnsow? So akɔre atwa ne ho ahyia? Monkɔ nkɔboaboa wuram mmoadoma nyinaa ano mmra, na wommedidi.


Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.


Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni, efisɛ wo bere adu, w’asotwe bere adu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios