Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 13:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Tie osebɔ gyegyeegye wɔ mmepɔw so, sɛ nkurɔfo bebree nne te no. Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano, ahenni horow huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE rehwehwɛ asraafo akɔ sa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no: Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano, ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE reboaboa dɔm ano ama ɔsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so te sɛ dɔm kɛse bi de! Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no: Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano, ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE reboaboa dɔm ano ama ɔsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ! Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Tie osebɔ gyegyeegye wɔ mmepɔw so, sɛ nkurɔfo bebree nne te no. Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano, ahenni horow huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE rehwehwɛ asraafo akɔ sa.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 13:4
23 Referencias Cruzadas  

Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmu bon no mu; efisɛ AWURADE da no abɛn, atemmu bon no mu.


Na mfirihyia a mmoadabi, ntuntummɛ, mmɛbɛw ne nketekire, me dɔm kɛse a mesoma mebaa mo mu no dii no, mɛhyɛ mo ananmu.


Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.


Na obesi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyiri, na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano, na hwɛ wɔreba ɔhare so, ntɛm so.


Na wɔbɛworo ahyɛ wɔn da no sɛ ɛpo woro, na wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohia ne sum ni, na hann reduru wɔn so sum.


Ao, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ Ao, aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsu a ɛyɛ den hooyɛ!


Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie: Wɔn mu hena na ɔkaa eyinom? Nea AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔde Babel ho, na ne basa ayɛ Kaldeafo ho.


Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meredan mo nsam akode a mode ne Babel hene ne Kaldeafo a wɔabetua mo ɔfasu akyi reko no, na maboa ano maba kurow yi mfinimfini.


na amanaman bebree ne ahene akɛse de wɔn bɛyɛ nkoa, na metua wɔn wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios